2 Ahene 12:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nanso Yehoas nkoa+ sɔre yɛɛ biako bɔɔ ne ho pɔw,+ na wokum no wɔ Milo*+ aban+ no ho, ɔkwan a ɛkɔ Sila no so. 2 Ahene 17:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nanso Asiria hene hui sɛ Hosea pɛ sɛ ɔtew atua,+ efisɛ ɔsomaa abɔfo kɔɔ Egypt+ hene a wɔfrɛ no So nkyɛn, na tow a ɛsɛ sɛ otua ma Asiria hene no, wantua sɛnea na ɔyɛ kan mfe mu no. Enti Asiria hene kyekyeree no too afiase too no mu.+ 2 Beresosɛm 25:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Na efi da a Amasia dan fii Yehowa ho no, wɔbɔɔ ne ho pɔw+ Yerusalem. Akyiri yi, oguan kɔɔ Lakis,+ nanso wɔsoma tiw no Lakis kokum no wɔ hɔ.+
20 Nanso Yehoas nkoa+ sɔre yɛɛ biako bɔɔ ne ho pɔw,+ na wokum no wɔ Milo*+ aban+ no ho, ɔkwan a ɛkɔ Sila no so.
4 Nanso Asiria hene hui sɛ Hosea pɛ sɛ ɔtew atua,+ efisɛ ɔsomaa abɔfo kɔɔ Egypt+ hene a wɔfrɛ no So nkyɛn, na tow a ɛsɛ sɛ otua ma Asiria hene no, wantua sɛnea na ɔyɛ kan mfe mu no. Enti Asiria hene kyekyeree no too afiase too no mu.+
27 Na efi da a Amasia dan fii Yehowa ho no, wɔbɔɔ ne ho pɔw+ Yerusalem. Akyiri yi, oguan kɔɔ Lakis,+ nanso wɔsoma tiw no Lakis kokum no wɔ hɔ.+