1 Ahene 2:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Solomon na ɔtenaa ne papa Dawid ahengua so,+ na nkakrankakra, n’ahenni tim pintinn.+ 1 Beresosɛm 29:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɛnna Solomon dii ne papa Dawid ade, na ɔtenaa Yehowa ahengua+ so dii hene; esii no yiye,+ na Israelfo nyinaa yɛɛ osetie maa no. Dwom 132:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa aka Dawid ntam,+Nokwarem no ɔrentwe nsan:+“Wo yafunu mu aba+Na mede no besi w’ahengua so.+
23 Ɛnna Solomon dii ne papa Dawid ade, na ɔtenaa Yehowa ahengua+ so dii hene; esii no yiye,+ na Israelfo nyinaa yɛɛ osetie maa no.