Deuteronomium 32:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Wɔde ananafo anyame+ huruu ne bo;+Na wɔde akyide hyɛɛ no abufuw.+ Dwom 96:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+Na Yehowa de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+ Dwom 115:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdesani nsa ano adwuma.+ Yesaia 44:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wɔn a wosen ahoni nyinaa yɛ nnipahunu,+ na mfaso biara nni ade a wɔn ani gye ho no so;+ wɔn adansefo yi nhu ade na wonnim hwee,+ enti wɔn ani bewu.+ Yeremia 10:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nnipa nyinaa nni ntease ma enti wonni nimdeɛ.+ Ɔtomfo biara ani bewu ne honi a wayɛ ho,+ efisɛ ne dade honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+
9 Wɔn a wosen ahoni nyinaa yɛ nnipahunu,+ na mfaso biara nni ade a wɔn ani gye ho no so;+ wɔn adansefo yi nhu ade na wonnim hwee,+ enti wɔn ani bewu.+
14 Nnipa nyinaa nni ntease ma enti wonni nimdeɛ.+ Ɔtomfo biara ani bewu ne honi a wayɛ ho,+ efisɛ ne dade honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+