2 Ahene 8:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Ahasia bedii ade no, na wadi mfe aduonu abien, na odii hene afe biako wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Atalia+ a ɔyɛ Israel hene Omri+ banana. Mmebusɛm 28:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Kurow mmarato na ɛma n’ahene dɔɔso,+ na nhumufo a onim nea ɛteɛ bɛma ɔhene atena so akyɛ.+ Mika 6:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Omri ahyɛde+ ne Ahab fie nnwuma nyinaa na mudi akyi,+ na wɔn agyinatu mu na monantew.+ Enti mɛma mo ho ayɛ aman pii nwonwa na wɔde hwiremabɔ ahuro kurow no mufo,+ na amanaman bedi mo ho fɛw.”+
26 Ahasia bedii ade no, na wadi mfe aduonu abien, na odii hene afe biako wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Atalia+ a ɔyɛ Israel hene Omri+ banana.
16 Omri ahyɛde+ ne Ahab fie nnwuma nyinaa na mudi akyi,+ na wɔn agyinatu mu na monantew.+ Enti mɛma mo ho ayɛ aman pii nwonwa na wɔde hwiremabɔ ahuro kurow no mufo,+ na amanaman bedi mo ho fɛw.”+