54 Ntɛm ara na ɔfrɛɛ n’akoa a okura n’akode no ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe wo nkrante kum me,+ na nkurɔfo anka sɛ, ‘Ɔbea na okum no.’” Ntɛm ara, n’akoa no de ne nkrante wɔɔ no ma owui.+
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ nea okura n’akode no sɛ: “Twe wo nkrante+ fa hwirew me mu na momonotofo+ yi ammehwirew me mu anyɛ me aninyanne.” Nanso n’akodekurafo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ efisɛ na ehu kɛse aka no. Enti Saul faa nkrante no na ɔhwee so.+
23 Ahitofel de, bere a ohui sɛ wɔamfa n’afotu anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afurum, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamansew,+ na ɔsɛn+ ne ho wui.+ Na wosiee+ no wɔ n’agyanom amusiei.