Genesis 37:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Ɛnna Yakob suanee n’atade mu na ɔde atweaatam sii n’asen suu ne ba no nna pii.+ 1 Ahene 21:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Bere a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na osuan n’atade mu, na ɔde atweaatam kataa ne ho;+ odii mmuada na ɔdaa atweaatam mu na ɔnantew awerɛhow mu.+ Ester 4:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Bere a Mordekai+ tee asɛm no nyinaa no,+ osuan n’atade mu furaa atweaatam+ de nsõ+ guu ne ho. Afei okogyinaa kurow no mfinimfini sui denneennen.+ Yesaia 22:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Saa da no Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, bɛfrɛ nnipa ma wɔasu+ adi awerɛhow, na wɔabɔ tikwaw afura atweaatam.+ Adiyisɛm 11:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na mɛma m’adansefo baanu+ afura atweaatam+ ahyɛ nkɔm+ nna apem ahanu aduosia.”
27 Bere a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na osuan n’atade mu, na ɔde atweaatam kataa ne ho;+ odii mmuada na ɔdaa atweaatam mu na ɔnantew awerɛhow mu.+
4 Bere a Mordekai+ tee asɛm no nyinaa no,+ osuan n’atade mu furaa atweaatam+ de nsõ+ guu ne ho. Afei okogyinaa kurow no mfinimfini sui denneennen.+
12 “Saa da no Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, bɛfrɛ nnipa ma wɔasu+ adi awerɛhow, na wɔabɔ tikwaw afura atweaatam.+