1 Ahene 18:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɛbae sɛ bere a Ahab huu Elia pɛ, Ahab ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wode mmusu aba Israel so, wuni?”+ Amos 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “‘Nea oyi wɔn ntɛn wɔ kurow pon ano no, wɔtan no;+ na nea ɔka nokware no, wokyi no.+ Galatifo 4:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Afei nokware a meka kyerɛ mo+ nti madan mo tamfo anaa?+