16 Nanso ɔnhwɛ yiye na n’ani ammere apɔnkɔ pii+ na ɛnsɛ sɛ ɔma nkurɔfo no san kɔ Egypt kɔpɛ apɔnkɔ pii,+ efisɛ Yehowa aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnsan nnkɔfa ɔkwan yi so bio.’
4 Na Dawid ko gyee apɔnkɔsotefo apem ahanson ne mmarima mpem aduonu a wɔnam fam+ fii ne nsam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ+ no nyinaa nantin ntini,+ na ogyaw nteaseɛnam apɔnkɔ no mu ɔha.
17 Ná wɔtɔ nteaseɛnam a wɔde fi Egypt bae no biara nnwetɛbona ahansia, na wɔtɔ ɔpɔnkɔ biara nso nnwetɛbona ɔha aduonum. Saa na Hitifo ahene ne Siria ahene yɛe.+ Wɔnam aguadifo no so na wɔkrae.