14 Sɛ musuro Yehowa+ na mosom no+ na mutie ne nne,+ na moantew Yehowa ahyɛde so atua+ a, Yehowa, mo Nyankopɔn bɛka mo ne ɔhene a obedi mo so no nyinaa ho.
25 Enti afei, Yehowa, Israel Nyankopɔn, ma bɔ a wohyɛɛ w’akoa, me papa Dawid no nnyina. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan yiye na wɔnantew m’anim sɛnea woanantew m’anim yi a, obusuani a ɔbɛtena Israel agua so+ remmɔ wo, m’anim.’
9 “Na wo, me ba Solomon, hu+ Onyankopɔn a wo papa som+ no no, na fa koma+ a edi mũ ne ɔkra+ mu anigye som no; efisɛ Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu,+ na ohu emu adwene nyinaa.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wugyaw no a,+ ɔno nso bɛtow wo akyene koraa.+