Exodus 23:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Twe wo ho fi atosɛm ho kɔ akyirikyiri.+ Nkum nea ne ho nni asɛm ne ɔtreneeni, efisɛ meremma ɔbɔnefo nni bem.+ Hiob 34:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Sɛnea ɔbarima nneyɛe te na obetua no ka,+Na sɛnea onipa kwan te no, saa ara na ɔbɛma aba no so. Mmebusɛm 17:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea obu ɔbɔnefo bem+ ne nea obu ɔtreneeni fɔ+—wɔn nyinaa yɛ Yehowa akyide.+ Yesaia 3:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Monka sɛ ebesi ɔtreneeni yiye,+ na wobedi wɔn nneyɛe so aba.+ Galatifo 6:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe.+ Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa;+
7 “Twe wo ho fi atosɛm ho kɔ akyirikyiri.+ Nkum nea ne ho nni asɛm ne ɔtreneeni, efisɛ meremma ɔbɔnefo nni bem.+
7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe.+ Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa;+