Exodus 20:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro, efisɛ nokware Nyankopɔn no aba sɛ ɔrebɛsɔ mo ahwɛ+ na moasuro no daa na moanyɛ bɔne.”+ Deuteronomium 6:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛbɛma moasuro+ Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana+ adi n’ahyɛde ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so mo nkwa nna nyinaa na mo nna aware.+ Mmebusɛm 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi.
20 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro, efisɛ nokware Nyankopɔn no aba sɛ ɔrebɛsɔ mo ahwɛ+ na moasuro no daa na moanyɛ bɔne.”+
2 Ɛbɛma moasuro+ Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana+ adi n’ahyɛde ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so mo nkwa nna nyinaa na mo nna aware.+