Dwom 51:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Hwɛ! Amumɔyɛ mu na wɔwoo me,+Na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.+ Dwom 130:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a,+O Yehowa, anka hena na obegyina?+ Dwom 143:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Wo ne w’akoa nnni asɛm,+Na ɔteasefo biara ntumi nni bem w’anim.+ Mmebusɛm 20:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Hena na obetumi aka sɛ: “Matew me komam;+ mahohoro me bɔne”?+ Ɔsɛnkafo 7:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.+ Yesaia 53:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yɛn nyinaa te sɛ nguan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abegu no so.+ Romafo 3:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Wɔn nyinaa ayɛ bɔne+ na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho,+ Galatifo 3:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Nanso Kyerɛwnsɛm+ no kaa nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase,+ na ama wɔde bɔhyɛ a efi Yesu Kristo mu gyidi mu no ama wɔn a wogye di.+ 1 Yohane 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Sɛ yɛka sɛ: “Bɔne nni yɛn ho”+ a, yɛredaadaa yɛn ho,+ na nokware no nni yɛn mu.
6 Yɛn nyinaa te sɛ nguan a wɔafom kwan;+ obiara afa ne kwan. Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abegu no so.+
22 Nanso Kyerɛwnsɛm+ no kaa nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase,+ na ama wɔde bɔhyɛ a efi Yesu Kristo mu gyidi mu no ama wɔn a wogye di.+