36 Yehowa de wo+ ne ɔhene+ a wode no bedi wo so no bɛkɔ ɔman bi so, baabi a wo ne w’agyanom biara nnim. Na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wɔde dua ne abo ayɛ.+
6 Hosea afe a ɛto so akron mu na Asiria hene dii Samaria so nkonim,+ na ɔde Israelfo kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor wɔ asubɔnten Gosan ho+ ne Mediafo nkurow mu.+
7 O Yehowa, wo na trenee wɔ wo, na yɛn de, animguase na ɛfata yɛn sɛnea ɛte nnɛ yi;+ ɛfata Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔtete bɛn ha ne wɔn a nokware a wɔanni wo nti woabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so no.+
24 na wɔbɛtotɔ nkrante ano na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa mu;+ na amanaman no betiatia Yerusalem so, kosi sɛ amanaman mmere a wɔahyɛ+ no bewie du.