11 (ná Tiro hene Hiram+ de kyeneduru ne ɔpopaw nnua ne sika dodow biara a Solomon pɛ+ aboa no,)+ na ɛno akyi no, Ɔhene Solomon de nkurow aduonu a ɛwɔ Galilea asase so+ maa Hiram.
10 Ɛnna ɔmaa+ ɔhene sika+ dwetikɛse ɔha aduonu, ne balsam ngo+ pii pa, ne aboɔden abo. Balsam ngo dodow a Saba hemmaa de maa Ɔhene Solomon no, ɛso bi amma bio.
21 Ade a Ɔhene Solomon nom mu nyinaa, wɔde sika na ɛyɛe, na Lebanon Kwaefie+ hɔ anwenne nyinaa, wɔde sika amapa+ na ɛyɛe. Wɔamfa dwetɛ anyɛ emu biara, efisɛ Solomon nna mu no, na wɔmfa nyɛ hwee.