14 Na ɔde asraafodɔm koguu Edom;+ ɔde asraafodɔm no koguu Edom baabiara, na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa.+ Na Yehowa bɔɔ Dawid ho ban baabiara a ɔkɔe.+
Wɔde ma dwonkyerɛfo, Sukooko Nkae so. Miktam.* Dawid dwom. Wɔde kyerɛkyerɛ;+ bere a ɔne Aram-Naharaim ne Aram-Soba koe, na Yoab bekunkum Edomfo a wɔn dodow yɛ mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no.+