32 Ɛnna Yeroboam hyɛɛ fã ɔsram a ɛto so awotwe no da a ɛto so dunum no te sɛ fã a wɔhyɛ wɔ Yuda+ no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ afɔre wɔ afɔremuka a osii wɔ Betel no so ama anantwi mma a ɔyɛe no; ɔmaa asɔfo a ɔde wɔn sisii hɔ wɔ Betel+ no som wɔ sorɔnsorɔmmea a ɔyɛe no anim.
10 eyi nti mede mmusu reba Yeroboam fie so, na metwa Yeroboam fie barima+ biara akyene, Israel nipahunu a onni ɔboafo+ mpo; mɛpra Yeroboam fie nyinaa akɔ+ sɛnea obi pra nantwibin kɔtow gu no.+
3 Abia de asraafodɔm, nnɔmmarima mpem ahanan a wɔahyɛ da apaw wɔn+ kɔɔ ɔko no. Na Yeroboam nso de mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den mpem ahanwɔtwe a wɔahyɛ da apaw wɔn+ kohyiaa no.