1 Samuel 14:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo+ yi awɛmfo dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn efisɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.”+ Dwom 71:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 O Onyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.+O me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.+ Dwom 125:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 125 Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no+Te sɛ Bepɔw Sion+ a ɛrenhinhim da, na mmom ɛbɛtena hɔ akosi mmeresanten no.+
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo+ yi awɛmfo dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn efisɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.”+
125 Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no+Te sɛ Bepɔw Sion+ a ɛrenhinhim da, na mmom ɛbɛtena hɔ akosi mmeresanten no.+