Deuteronomium 4:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Na Yehowa mo Nyankopɔn te sɛ ogya a ɛhyew ade;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔne obiara nkyɛ ne som.+ Deuteronomium 29:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Afei Yehowa abufuw dɛw hyɛɛ asase no na ɔde nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu nyinaa baa so.+ Deuteronomium 31:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Saa da no, m’abufuw bɛdɛw ahyɛ wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adan m’ani afi wɔn so,+ na meyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛe. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+ Dwom 76:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wo de, wo ho yɛ hu,+Na w’abufuw ano den nti, hena na obetumi agyina w’anim?+ Romafo 4:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nokwarem no, Mmara no de abufuw ba,+ nanso nea mmara nni no, mmarato biara nso nni hɔ.+
17 Saa da no, m’abufuw bɛdɛw ahyɛ wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adan m’ani afi wɔn so,+ na meyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛe. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+