10 Na afe kɔ behyiae+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ ma wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ne ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
24Yehowa ma mehwɛe, na mihuu borɔdɔma nkɛntɛn abien wɔ Yehowa asɔrefie no anim. Saa bere no, na Babilon hene Nebukadresar afa Yehoiakim+ ba Yekonia,+ Yuda hene no ne Yuda mpanyimfo ne adwumfo+ ne abantofo no afi Yerusalem de wɔn kɔ Babilon.+
12 “Bisa atuatew fie+ no sɛ, ‘So monte eyi ase?’ Ka sɛ, ‘Hwɛ, Babilon hene baa Yerusalem bɛfaa ne hene+ ne ne mpanyimfo, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn wɔ Babilon.+