8Ná Elisa adi kan aka akyerɛ ɔbea a onyanee ne babarima+ no sɛ: “Sɔre na kɔ, wo ne wo fiefo, na kɔyɛ ɔhɔho baabiara a wubenya+ efisɛ Yehowa ama ɔkɔm reba,+ na ɛbɛba asase yi so mfe ason.”+
5 Bere a ogu so reka sɛnea onyanee obi a wawu no,+ hwɛ, ɔbea a onyanee ne babarima no de su baa ɔhene anim sɛ wɔmfa ne fie ne n’asase mma no.+ Ɛhɔ ara na Gehasi kae sɛ: “Me wura+ ɔhene, ɔbea no ni, na ne ba a Elisa nyanee no no nso ni.”