20 Na wɔsɔree anɔpahema siim kɔɔ Tekoa+ sare so.+ Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat sɔre gyinaa hɔ kae sɛ: “O Yuda ne Yerusalemfo nyinaa, muntie me!+ Munnya Yehowa mo Nyankopɔn mu gyidi+ na mo ase atim. Munnya n’adiyifo mu gyidi+ na asi mo yiye.”
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+