Exodus 14:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro.+ Munnyina pintinn na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+ Dwom 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Merensuro nnipa mpempemA wɔatwa me ho ahyia.+ Dwom 11:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa ne me guankɔbea.+Ɛyɛ dɛn na moka kyerɛ me kra sɛ:“Guan sɛ anomaa kɔ mo bepɔw so!+ Dwom 18:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten.+ Dwom 118:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wotwaa me ho hyiae, wotwaa me ho nyinaa hyiae.+Yehowa din mu na mipiaa wɔn gui.
13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro.+ Munnyina pintinn na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+
2 Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten.+