Dwom 27:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Fa w’ani to Yehowa so;+ nya akokoduru na ma wo bo nyɛ duru.+Yehowa so na fa w’ani to.+ Mmebusɛm 14:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Nea ne bo kyɛ fuw no nhumu dɔɔso,+ na nea ɔpere ne ho no ani gye nkwaseasɛm ho.+ Mmebusɛm 30:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 sɛnea ɛbɛyɛ a meremmee na mempa wo+ nka sɛ: “Hena ne Yehowa?”+ anaa ɛrenhia me, na memmɔ korɔn mmɔ me Nyankopɔn din ahohora.+ 2 Petro 3:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛnea ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.+ Adiyisɛm 16:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na ɔhyew a ano yɛ den hyehyee nnipa, nanso wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi+ no din+ ho abususɛm, na wɔansakra anhyɛ no anuonyam.+
9 sɛnea ɛbɛyɛ a meremmee na mempa wo+ nka sɛ: “Hena ne Yehowa?”+ anaa ɛrenhia me, na memmɔ korɔn mmɔ me Nyankopɔn din ahohora.+
9 Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛnea ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.+
9 Na ɔhyew a ano yɛ den hyehyee nnipa, nanso wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi+ no din+ ho abususɛm, na wɔansakra anhyɛ no anuonyam.+