13 Wɔnkaa nea meyɛe nkyerɛɛ me wura bere a Yesebel kunkum Yehowa adiyifo no anaa? Mede Yehowa adiyifo no mu ɔha kohintaw ɔbodan mu, aduonum aduonum,+ na memaa wɔn aduan ne nsu daa.+
4Na ɔbea bi a ɔyɛ adiyifo asefo+ no biako yere besu kyerɛɛ Elisa sɛ: “Me kunu a ɔyɛ w’akoa no awu, na wo ara wunim sɛ na w’akoa suro+ Yehowa. Mede obi ka,+ na waba rebɛfa me mma baanu no akɔyɛ nkoa.”