Genesis 4:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Hwɛ, dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya fi asase so reteɛm frɛ me.+ Dwom 9:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sɛ ɔhwehwɛ mogyahwiegufo+ a, ɔbɛkae ne nkurɔfo;+Ne werɛ remfi mmɔborɔni sufrɛ da.+ Dwom 72:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu,Na wɔn mogya bo bɛyɛ den n’ani so.+ Yesaia 26:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Hwɛ, Yehowa fi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwiegu+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+
21 Hwɛ, Yehowa fi ne tenabea reba, na ɔbɛma asase no sofo abu wɔn bɔne ho akontaa, bɔne a wɔayɛ atia no nyinaa.+ Na asase no bɛma ne mogyahwiegu+ ada adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.”+