29 Enti Ɔhene Yehoram+ san n’akyi kɔsaa ne ho yare wɔ Yesreel+ efisɛ bere a ɔne Siria hene Hasael kɔkoe no, Siriafo no piraa no wɔ Rama. Na Yehoram ba, Yuda hene Ahasia+ kɔe sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram wɔ Yesreel, efisɛ na ɔyare.
21 Ɛnna Yehoram kae sɛ: “Siesie teaseɛnam no!”+ Enti osiesiee ne ko teaseɛnam no maa no, na Israel hene Yehoram ne Yuda hene Ahasia+ tenatenaa wɔn ko nteaseɛnam mu. Wosiim sɛ wɔrekohyia Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot+ asase no so.
22Na Yerusalemfo de ne ba kumaa Ahasia*+ sii hene ma odii n’ade, (efisɛ afowfo dɔm a wɔne Arabiafo+ baa nsra no mu no kunkum mpanyimfo no nyinaa,)+ enti Yehoram ba Ahasia bedii Yuda so hene.