2 Nanso Ɔhene Yehoram babea Yehoseba+ a ɔyɛ Ahasia nuabea no faa Ahasia ba Yehoas,+ na owiaa no fii ahenemma a na wɔrekunkum wɔn no mu, ɔne ɔbea a ɔhwɛ no no, na ɔde no kohintaw ɔdan a mpa sisi mu no mu. Wɔde abofra no hintaw+ Atalia, enti wɔannya no ankum no.