Mmebusɛm 11:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Treneefo papayɛ ma ɔman ho sɛpɛw no,+ na abɔnefo yera a, anigye ba.+ Mmebusɛm 29:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Treneefo dɔɔso a, ɔman di ahurusi;+ na ɔdebɔneyɛfo di so a, ɔmanfo si apini.+