Deuteronomium 8:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ eyi efisɛ ɔpɛ sɛ odi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛnea ɛte nnɛ yi.+ Mmebusɛm 10:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo,+ na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.+ Filipifo 4:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mo nso, me Nyankopɔn+ bɛma mo nea muhia+ nyinaa sɛnea n’ahonyade+ pii no te denam Kristo Yesu so.
18 Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ eyi efisɛ ɔpɛ sɛ odi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛnea ɛte nnɛ yi.+