Genesis 32:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Na ɔkae sɛ: “Ade akye, ma menkɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Woanhyira me a, meremma wonkɔ.”+ Numeri 22:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Enti mesrɛ wo bra bɛdome+ wɔn ma me, efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. Ebia metumi adi wɔn so apam wɔn afi asase no so, na minim sɛ obiara a wubehyira no benya nhyira, na obiara a wobɛdome no nso benya nnome.”+ Mmebusɛm 10:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo,+ na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.+
6 Enti mesrɛ wo bra bɛdome+ wɔn ma me, efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. Ebia metumi adi wɔn so apam wɔn afi asase no so, na minim sɛ obiara a wubehyira no benya nhyira, na obiara a wobɛdome no nso benya nnome.”+