15 Na Asaf+ mma nnwontofo+ no kɔɔ wɔn nnwuma so sɛnea Dawid+ ne Asaf+ ne Heman+ ne ɔhene dehufo+ Yedutan+ hyɛe no, na apon ano ahwɛfo+ no gyinagyinaa apon no nyinaa ano.+ Ná ɛho nhia sɛ wogyae wɔn nnwuma, efisɛ wɔn nuanom Lewifo no siesiee+ bi maa wɔn.
10 Bere a adansifo no too Yehowa asɔrefie no fapem+ wiei no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade+ kurakura ntorobɛnto+ ne Lewifo, Asaf+ mma, a wokurakura nnawuta+ no sɔree sɛ wɔrebeyi Yehowa ayɛ sɛnea na Israel hene Dawid akyerɛ+ no.