Genesis 30:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛnna Rahel kae sɛ: “Me ne me nua adi asi a emu yɛ den, na madi nkonim!” Enti ɔtoo ne din Naftali.+ Genesis 49:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Naftali+ yɛ ɔforote a ne ho yɛ hare. Ɔbɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ.+