18 Na n’asomfo no mu biako bɛkae sɛ: “Hwɛ! Mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ yiye;+ ɔyɛ ɔbarima kokodurufo a ne ho yɛ den+ ne ɔkofo,+ onim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+
20 Yehoiada+ ba Benaia,+ ɔkokodurufo aseni no yɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel;+ ɔno na okum Moabni Ariel mmabarima baanu no. Ɔno ara nso na osian kokum gyata+ wɔ asubura mu da bi a sukyerɛmma tɔe.+