16Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wubedi Saul ho awerɛhow akosi da bɛn,+ bere a mapo no sɛ onnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mapaw ɔhene.”+
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+
10 Eyinom ne nnɔmmarima+ mu atitiriw a na wɔka Dawid ho. Wɔn na wɔne Israel nyinaa taa n’akyi denneennen wɔ n’ahenni mu, na wosii no hene sɛnea Yehowa asɛm+ a ɔkae wɔ Israel ho no te.