Deuteronomium 10:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Onyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade,+ Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu.+ Ɔnyɛ animhwɛ+ na onnye adanmude biara.+ Asomafo Nnwuma 10:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Ɛnna Petro buee n’ano kae sɛ: “Nokwasɛm ni, mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim,+ Romafo 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.+ Efesofo 6:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mo awuranom nso, monkɔ so nyɛ saa ara mma wɔn, na munnyae ahunahuna,+ efisɛ munim sɛ wɔne mo nyinaa Wura+ wɔ soro, na ɔnyɛ animhwɛ.+ 1 Petro 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+
17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Onyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade,+ Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu.+ Ɔnyɛ animhwɛ+ na onnye adanmude biara.+
9 Mo awuranom nso, monkɔ so nyɛ saa ara mma wɔn, na munnyae ahunahuna,+ efisɛ munim sɛ wɔne mo nyinaa Wura+ wɔ soro, na ɔnyɛ animhwɛ.+
17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+