1 Ahene 18:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɛnna Elia twiw baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkae sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi?+ Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn a, munni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.” Na ɔman no amma no mmuae biara. 2 Beresosɛm 12:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso ɔhene no yɛɛ bɔne,+ efisɛ wanyɛ n’adwene sɛ ɔde ne koma nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa.+ 2 Beresosɛm 19:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nanso wɔahu adepa+ bi wo ho, efisɛ woayiyi abosonnua no afi asase no so,+ na woasiesie wo koma sɛ wobɛhwehwɛ nokware Nyankopɔn.”+
21 Ɛnna Elia twiw baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkae sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi?+ Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn a, munni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.” Na ɔman no amma no mmuae biara.
3 Nanso wɔahu adepa+ bi wo ho, efisɛ woayiyi abosonnua no afi asase no so,+ na woasiesie wo koma sɛ wobɛhwehwɛ nokware Nyankopɔn.”+