Deuteronomium 8:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 wo koma bɛhoman+ na wo werɛ afi Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt nkoafie no.+ 2 Beresosɛm 26:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so+ de no kɔɔ ɔsɛe mu;+ wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.+ 2 Beresosɛm 32:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Na Hesekia yɛɛ bonniayɛ,+ yiye a wɔyɛɛ no no ho, efisɛ ne koma maa ne ho so,+ na abufuw+ baa ɔne Yuda ne Yerusalem so. Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ Mmebusɛm 28:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Nea ɔyɛ ahantan no hwanyan ntɔkwaw mu,+ na nea ɔde ne ho to Yehowa so de, ɔbɛdɔ srade.+ Daniel 5:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nanso bere a ne koma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ma ɔyɛɛ ahantan no,+ wotuu no fii n’ahengua so, na wogyee n’anuonyam fii ne nsam.+ Habakuk 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 “Hwɛ, onipa a ne kra ahoman;+ ɛnteɛ wɔ ne mu. Na ɔtreneeni de, ne gyidi na ebegye no nkwa.+
16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so+ de no kɔɔ ɔsɛe mu;+ wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.+
25 Na Hesekia yɛɛ bonniayɛ,+ yiye a wɔyɛɛ no no ho, efisɛ ne koma maa ne ho so,+ na abufuw+ baa ɔne Yuda ne Yerusalem so.
20 Nanso bere a ne koma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ma ɔyɛɛ ahantan no,+ wotuu no fii n’ahengua so, na wogyee n’anuonyam fii ne nsam.+