Hiob 31:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ mihuu obi a atade a onni nti ɔrewu,+Anaa ohiani a onni nea ɔde kata ne ho; Dwom 106:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Enti ɔmaa wɔn asɛm yɛɛ mmɔbɔ,Wɔn a wɔafa wɔn nnommum no anim.+ Yesaia 58:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+
7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduan mu ama nea ɔkɔm de no,+ na wode ahiafo a wonni baabi te akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wubehu obi a ɔda adagyaw na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhintaw wo nua?+