Leviticus 26:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “‘Na sɛ eyinom nyinaa akyi moantie m’asɛm a, ɛnde mɛma mo bɔne ho asotwe abu abɔ ho mpɛn ason.+ Deuteronomium 28:43 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 43 Ɔhɔho a wo ne no te no bɛkɔ soro asen wo, na wo de, daa wubesian aba fam.+ 1 Samuel 2:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yiye,+Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔno na ɔma onipa so.+ Hiob 40:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Hwehwɛ ɔhantanni biara, brɛ no ase,+Na tiatia nnebɔneyɛfo so baabiara a wɔwɔ.
7 Yehowa ma onipa di hia,+ na ɔno na ɔma onipa di yiye,+Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔno na ɔma onipa so.+