27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Me papa ne wo,’+ ne ɔbo nso sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Na me de, wɔn kɔn akyi na wɔadan akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Wɔn amanehunu bere mu de, wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na gye yɛn!’+
16 Enti ɔde me baa Yehowa fie+ adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no, na hwɛ, Yehowa asɔrefie kwan ano, abrannaa no ne afɔremuka no ntam no,+ mihuu mmarima aduonu anum+ a wɔn akyi kyerɛ Yehowa asɔrefie+ no na wɔn anim hwɛ apuei fam a wɔrekotow owia+ wɔ apuei fam.