Leviticus 18:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 “‘Mfa eyinom biara ngu wo ho fĩ, efisɛ eyi na ama aman a merepam wɔn afi w’anim yi ho agu fĩ.+ Deuteronomium 2:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Wɔyɛ nnipa a na wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakimfo.+ Na Yehowa sɛee+ wɔn fii wɔn anim, enti wotuu wɔn faa wɔn asase no tenaa so. Yosua 24:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “‘Nkakrankakra mede mo beduu Amorifo a wɔte Yordan agya no asase so, na wɔne mo koe.+ Na mede wɔn hyɛɛ mo nsa sɛ momfa wɔn asase ntena so, na mesɛee wɔn wɔ mo anim.+
21 Wɔyɛ nnipa a na wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakimfo.+ Na Yehowa sɛee+ wɔn fii wɔn anim, enti wotuu wɔn faa wɔn asase no tenaa so.
8 “‘Nkakrankakra mede mo beduu Amorifo a wɔte Yordan agya no asase so, na wɔne mo koe.+ Na mede wɔn hyɛɛ mo nsa sɛ momfa wɔn asase ntena so, na mesɛee wɔn wɔ mo anim.+