25 Bere a owiee ɔhyew afɔre no, ɛhɔ ara na Yehu ka kyerɛɛ ammirikatufo ne akunini no sɛ: “Mommra mmekunkum wɔn! Mommma obiara mmfi adi.”+ Ɛnna ammirikatufo ne akunini+ no fii ase de nkrante kunkum wɔn, na wɔtotow wɔn guu abɔnten, na wɔkɔe ara koduu Baal abosonnan* no mu.
6 Afei nso, oyii ɔbosom dua+ no fii Yehowa fie hɔ de kɔɔ Yerusalem kurotia, Kidron subon no mu, na ɔhyewee+ wɔ Kidron subon no mu, na ɔyam no muhumuhu, na ɔtow mfutuma no guu ɔmanfo amusiei.+