16 ɛnde me nso mɛyɛ nea edi so yi de atwe mo aso: Mede nsamanwaw+ ne atiridii bɛbɔ mo na mo aniwa asɛe+ na mo kra agurow.+ Mubedua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, efisɛ mo atamfo na wobedi.+
15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+