14 Munnni paanoo anaa nkyewe anaa awi foforo biara kosi saa da yi+ a mode mo ayɛyɛde bɛba mo Nyankopɔn anim no. Baabi a mobɛtena biara, eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu.
41 Ɛyɛ Yehowa afahyɛ a ɛsɛ sɛ mudi no nnanson afe biara.+ Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu; ɔsram a ɛto so ason mu na munni afahyɛ no.