Mmebusɛm 12:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Onipa a obue n’ano nyansa mu na wobeyi no ayɛ,+ na nea ne koma akyea de, wobebu no animtiaa.+ Mmebusɛm 15:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa,+ na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.+ Ɔsɛnkafo 10:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sɛ ɔhene honhom sɔre tia wo a, mfi wo gyinabea,+ na odwo ma bɔne akɛse ano brɛ ase.+ Sakaria 1:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɛnna Yehowa de anigyesɛm ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no.+