5 Onyankopɔn ani+ kuu Yuda mpanyimfo no ho,+ na nkurɔfo no ansiw wɔn kwan na mmom wɔtwɛn kosii sɛ wɔbɛbɔ Dario amanneɛ ma wakyerɛw krataa abɛma wɔn mmuae.
“Hwɛ! ahene baasa foforo bɛsɔre agyina wɔ Persia,+ na nea ɔto so anan+ no benya ahonyade pii asen wɔn a wɔaka nyinaa.+ Na sɛ n’ahonyade ma onya ahoɔden ara pɛ a, ɔbɛhwanyan biribiara atia Hela+ ahenni.