Yosua 23:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 efisɛ moabu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo no so, na moakɔsom anyame foforo akɔkotow wɔn.+ Na Yehowa abufuw bɛdɛw ahyɛ mo,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahyew koraa afi asase pa a ɔde ama mo yi so.”+ Dwom 21:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya bere a woahyɛ sɛ wubeyi wo ho adi no.+Yehowa abufuw mu na ɔbɛmene wɔn, na ogya na ɛbɛhyew wɔn.+ Dwom 90:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hena na onim sɛnea w’abufuw mu yɛ den fa,+Ne w’abufuhyew, sɛnea osuro a ɛfata wo no te?+
16 efisɛ moabu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo no so, na moakɔsom anyame foforo akɔkotow wɔn.+ Na Yehowa abufuw bɛdɛw ahyɛ mo,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahyew koraa afi asase pa a ɔde ama mo yi so.”+
9 Wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya bere a woahyɛ sɛ wubeyi wo ho adi no.+Yehowa abufuw mu na ɔbɛmene wɔn, na ogya na ɛbɛhyew wɔn.+