Leviticus 19:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn. Leviticus 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “‘Nnya wo nua ho tan wo komam.+ Yi wo yɔnko atɛn+ na woansoa ne bɔne no bi. 2 Beresosɛm 19:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufo no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yiye,+ efisɛ ɛnyɛ onipa na mubu atɛn ma no, na mmom Yehowa,+ na ɔka mo ho atemmu no mu.+ 1 Timoteo 5:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Wɔn a wɔte bɔne+ mu no, yi wɔn ntɛn+ wɔ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim, na ama wɔn a aka no nso asuro.+ Tito 2:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Kɔ so ka eyinom ho asɛm, na tu fo na yi ntɛn sɛnea wɔama wo tumi sɛ yɛ no.+ Mma obiara mmmu wo abomfiaa.+
15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.
6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufo no sɛ: “Monhwɛ nyɛ adwuma no yiye,+ efisɛ ɛnyɛ onipa na mubu atɛn ma no, na mmom Yehowa,+ na ɔka mo ho atemmu no mu.+
20 Wɔn a wɔte bɔne+ mu no, yi wɔn ntɛn+ wɔ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim, na ama wɔn a aka no nso asuro.+
15 Kɔ so ka eyinom ho asɛm, na tu fo na yi ntɛn sɛnea wɔama wo tumi sɛ yɛ no.+ Mma obiara mmmu wo abomfiaa.+