21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.+
14 Na wɔbɛka akyerɛ nnipa a wɔte asase yi so, efisɛ wɔate sɛ wo Yehowa wowɔ ɔman yi mu,+ na woayi wo ho adi akyerɛ wɔn anim ne anim.+ Wone Yehowa, na wo mununkum na ɛkata wɔn so. Na wudi wɔn anim awia wɔ omununkum dum mu, na anadwo nso ogya dum mu.+