17 “Afei sɛ eye wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ+ akorade a ɛwɔ ɔhene fie wɔ Babilon no mu nhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Ɔhene Kores hyɛɛ mmara+ sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie no wɔ Yerusalem anaa; ma ɔhene nsoma mmɛka nea wayɛ n’adwene wɔ asɛm yi ho nkyerɛ yɛn.”
19 Sɛ ɔhene bɛpene so a,+ anka ɔnhyɛ mmara a obiara nnan no,+ na wɔnkyerɛw nka Persia ne Media mmara+ ho sɛ Wasti nnsi Ɔhene Ahasweros anim bio; na ne dibea nso wɔmfa mma ɔbea foforo a ɔsen no.